Daadaa NsƐmbisa

MfiteaseƐ / HyƐ AseƐ


Mmoa
Sɛ wo hia mmoa aa anaasɛ wopɛsɛ wo ne ayoba ɛkuo no ɛdi nsawosoɔ aa, mepawokyɛw kɔ ayoba.me/contact

Download and Installation:
ɛkwan bɛn na mefa so atwe ayoba?

ayoba.me/download – (free data); anaa

Wobɛtumi akɔ ayoba website hɔ akɔ twe app no aberɛ biara, sɛ wo de MTN di dwuma aa wobɛtumi atwe app no kwa , aberɛ aa wonfa wo data.

Google Play store

Wobɛtumi nso atwe ayoba afiri Google Play Store. Ne yɔ nyɛ den, bue Play Store, na hwehwɛ ayoba na twe fa hyɛ aseɛ fa ayoba di dwuma.

Mɛ si deɛn na ma shɛ ayoba mu kina?

ayoba mu kina shɛ no bɛtumi akɔ so wo Google Play store anaasɛ

ayoba App no yɛ adwuma wɔ Android fon nkoaa so mprempren (Sɛso foforɔ nso nam kwan so reba!). Sɛ wopɛsɛ wo shɛ mu kina aa, kɔ Google Play Store hɔ, na mia Menu > My apps & games. Mia UPDATE aa ɛbɛn ayoba! Amonom hɔ ara Messaging aa ɛka biara nni mu.

Anaasɛ, kɔ Play Store na hwehwɛ ayoba. Mia UPDATE wɔ ayoba ase! Amonom hɔ ara Messaging aa ɛka biara nni mu.

ɛwɔ ayoba website so

Wobɛtumi nso ashɛ wo ayoba app no mu kina wɔ yɛn website no so hɔ, ne yɔ nyɛ den kɔ ayoba.me/download

ɛkwan ben so na mefa so asane a installe ayoba?

Ansana wobɛtumi asane a installe ayoba app no, wo hia sɛ wo di kan popa firi wo fon no so. Ansana wobɛyɛ saa no, yɛ susu sɛ wo backe up wo chats no. Ne yɔ nyɛ den, mia menu button, na yi Settings, na sane nso mia Maintenance so na yi Chat Backup.

Anokwa wei bɛ backe up wo chats no akɔ Cloud, na ama wo kwan ama w’atumi arestore wo chat no abakɔsɛm sɛ wo hia aa. Shɛ no nso sɛ wo backups no ɛnstore wɔ wo afedie no so, na ne saa no nti wobɛ hia internet ho akwanya de ayɛ backup no.

Mepawokyɛw di nhyehyeɛ yi so na fa sane installe ayoba:
Akwannya 1:

Mia na sɔ ayoba icon no mu wɔ Home Screen no so kɔsi sɛ icons no bɛ shɛ aseɛ awoso
Mia X no aa ɛwɔ ayoba icon no corner hɔ no.
Mia Delete fa yi application ne Ɛho nneɛma nyinaa.
Mia Home button no
Sane downloade ayoba firi Google Play Store.
Restore wo Chat Backup no wo aberɛ aa wore mia menu button, na yi Settings, na sane nso mia Maintenance na yi Chat Backup, na fa restore.
Wobɛtumi nso akɔ ayoba website hɔ akɔ downloade asaa installe app no. Sɛ wode MTN di dwuma aa wobɛtumi atwe ayoba kwa*, aberɛ aa wonfa wo data. *ɛwɔ dokomi mmerɛ mu no

Akwannya 2

Mia na sɔ ayoba icon no mu wɔ Home screen no so na twe kɔto bɔɔla adeɛ/Uninstall adeɛ no mu.
Yi uninstall fa kyerɛ sɛ ampa wo apopa no, na ɛsaa nkyerɛ sɛ wayi application no ne neho nneɛma nyinaa afiri so. Mia home button no.
Sane twe ayoba bio wɔ Google Play Store.

Restore wo Chate Backup no wɔ aberɛ aa wore mia menu button no, na yi Settings, na sanso mia Maintenance so na yi Chat backup, na restore.
Wobɛtumi nso akɔ ayoba website hɔ asane akɔ twe app no bio wɔ aberɛ biara. Sɛ wo ne MTN de dwa aa wobɛtumi atwe ayoba kwa*, wɔ aberɛ aa wonfa wo data. *ɛwɔ dokomi mmerɛ mu no

Verification:
Me yɛ deɛn na ma verify me number?

Mmerɛ aa watwe app no, bue na di nhyehyeɛ so:

Bɔ wo Din
Yi wo man firi drop-down list no mu. ɛnoa ankasa bɛ fille wo man code no
Bɔ wo fon number no shɛ adaka naa ɛshɛ fom ha no mu
Mia verify fa bisa code
Bɔ 4-dgit code no aa wonyaeƐ wɔ SMS no mu no.

Maanya 4-digit code no anfiri SMS

Twɛn ma countdown timer no nwie na yi Send SMS again.
Mɛnbᴐ wo trimu na Ɛnfa code bi enhyƐ ho, anyɛ saa yɛbɛ locke wo wɔ mmerɛ kakraa bi ntɛm.

Sɛ saa issues wei nom gu so kɔ so aa, mepawokyɛw sɔ nea ɛdidisoɔ yi hwɛ:

Dum wo fon no sɔ (Sɛ wore dum fon no asɔ aa, sƐ wo dum no wie aa, twen simma tɛtɛ 30, na sane sɔ no bio).
Popa na sane twe ayoba sɛso foforɔ no bio.

Sɛ saa issues wei nom gu so kɔso aa, mepawokyɛw sɔ nea ɛdidisoɔ yi hwɛ:
Dum wo fon no sɔ (Sɛ wore dum fon no asɔ aa, dum no, twen simma tɛtɛ 30, na sane sɔ no bio).
Popa na sane twe ayoba sɛso foforɔ no bio.

Mɛtumi de ayoba Ɛdi dwuma wɔ afedie mmienu so?

Wobɛtumi de fon number baako pɛ na averify wo account no ɛwɔ afedie baako nso so. Sɛ wo wɔ fon aa ɛfa sim mmienu aa, mepawokyɛw shɛ no nso sɛ ɛsɛ sɛ wo yi baako de verify ayoba. Ɛkwan foforɔ biara nni ho aa wobɛtumi de ayoba account adi dwuma wɔ fon number mmienu so.

Mehia sɛ me register bio sɛ me uninstalle na me sane nso twe app no bio anaa?

Daabi, Ɛho nhia. Nea ɛhia sɛ woyɛ ne sƐɛ wobɛ twe ayoba afiri Google Play Store bio anaa afiri ayoba.me/download. Bɔ wo din, yi wo man firi drop-down menu no mu, bɔ wo fon number na yi verify.

Shɛ no nso: Sɛ wo backe up wo chat abakɔsɛm ansa na wore popa app no aa, na afei wo yii four digit pin ansa na wo reinstalle aa, wobɛtumi arestore wo chat no abakɔsɛm, deƐ Ɛhiaa ne sƐƐ wobƐbↄ wo four digit pin aberƐ aa app no Ɛsiesie neho

Wode ayoba redi dwuma


Account ne Profile ho ntotoeɛ
ɛkwan bɛn so na mɛ add anaa mɛ update me profile mfoni no?

Sɛ wonnya nyii profile mfoni aa:

1. Bue menu no aa ɛwɔ wo nsa benkum soro hɔ no
2. Mia edit icon no
3. Mia profile photo > Camera icon
4. Yi mfoni firi wo gallery hɔ fa yɛ wo profile photo

Sɛ wo wɔ profile picture dada aa:

1. Bue menu no aa ɛwɔ wo nsa benkum soro hɔ no wɔ app no mu
2. Mia wo profile photo anaa edit icon no so
3. Sɛ wore yi edit icon aa, na mia wo profile pic > camera icon
4. Yi wo mfoni firi gallery fa sesa wo mprempren profile photo no

Mɛtumi a update me Display Name anaa?

1. Bue menu no aa ɛwɔ wo nsa benkum soro hɔ no wɔ app no mu
2. Mia wo Display Name anaa edit icon no na fa sesa anaa fa wo display name foforɔ ka ho

Mɛ si deɛn na ma add anaa ma update me Status?

1. Bue menu no aa ɛwɔ wo nsa benkum soro hɔ no wɔ app no mu
2. Mia wo status anaa edit icon
3. Fa status foforɔ ka ho na mia tick icon fa gye tom, anaa yi status bi firi wo status update nom no aa atwam no.

Hyɛ no nso: Sɛ wosi contacte bi kwan aa, saa onipa no ntumi nhunu wo profile mfoni anaa wo status updates.

ɛkwan bɛn na mefa so de apopa me account no?

Akwan ahorodoɔ bi wo hɔ aa ɛso die nnyɛ den, sɛ w’ayɛ w’adwane sɛ wobɛ popa wo account no aa. Hyɛ no nso sɛ wontumi nsesa saa dwumadie yi wo kwan biara so, mpo ayoba ɛkuo no ntumi nnyɛ, nti mepawokyɛw si wadwene pi sɛ wei yɛ adeƐ bi aa wopɛsɛ wo yɛ.

Di akwan nnan yi so:
1. Bue ayoba app no
2. Bue menu no aa ɛwɔ wo nsa benkum soro hɔ ɛwɔ app no mu
3. Top Settings > Maintenance > Delete your account
4.Gye tom wɔ aberɛ aa wore mia OK

Wo re popa wo account no bɛ:

Popa wo ayoba account no koraa
Popa wo message no ho abakɔsɛm
Yi wo firi ayoba ɛkuo mu nyinaa amonom hɔ ara

Nneɛma bi nom aa ɛhia sɛ wo hyɛ no nso:

Wontumi nnya akwanya wɔ wo account no ho
Wore popa wo account no aa Ɛnya nsusuansoɔ wo nsɛm aa amanfoɔ foforɔ wɔ fa wo ho, ebi ni wo messages aa wo asende ama wɔn nom dada
NneƐma sɛso bi nom (tesɛ. log records) bɛtumi aka wo database mu nanso yate mu afiri personal identifiers nkyɛn.

Mɛtumi de ayoba adi dwuma wɔ me fon foforɔ so anaa?

Sɛ wore firi fon baako so akɔ fon foforɔ so na w’agu so de wo number dada noa ayƐ adwuma aa, wo bɛ keepe wo account info. Wo account no ho nsɛm no ne wo fon number no ɛbɔm baako. Ne yɔ nyɛ den, twe ayoba gu wo fon foforɔ no so na verify wo number no.

Sɛ wore firi fon baako so akɔ fon foforɔ so na sɛ wo mfa wo fon number no ndi dwuma bio aa, twe ayoba gu wo fon foforɔ no so na verify wo number no.

ɛkwan bɛn na mefa so de asesa me kasa wɔ ayoba so?

Sɛ wopɛsɛ wore sesa wo fon no kasa aa:

Android: Kɔ wo fon no Settings > System > Languages ne Input > Languages
Mia language no.

Sɛ wode Android fon na redi dwuma aa, wobɛtumi nso asesa ayoba kasa no afiri app no mu ankasa. Ne yɔ nyɛ den, mia menu no so na yi Settings na mia Maintenance so.

Ɛboↄ ∕ 3ka aa Ɛwↄ mu

Ayoba User ho boɔ

ɛka sɛn na wobɛbɔ sɛ wore sende message anaa media files wɔ ayoba so aa?

Ayoba de wo fon no internet konnection (4G/3G/2G/EDGE or Wi-Fie) na ɛde sende na ɛde nya messages firi wo nnamfonom ne w’abusuafoɔ nkyɛn. Data aa wode bɛ sende na wode anya messages no boɔ no bɛgyina kɛsɛ korɔ aa wo ne wo service provider no ato. Ɛsɛ sɛ wo shɛ no nso sɛ wonboro data limit no so. Anaasɛ, wobɛtumi nso de ayoba adi dwuma wo aberɛ aa w’akonnecte WIFI network , aa Ɛno deƐ ɛbetumi ayɛ free.

Ayoba ne MTN ato kɛsɛ, MTN yƐ abibirem mobile operator kɛseɛ paa, sɛ yɛbɛma wɔn aa wɔne MTN di dwuma no free* Ayoba data (ɛwɔ aman bi nom so na fair usage nhyehyeɛ kakraa wɔ ho). Wei kyerɛsɛ saa onipa no aa wɔne MTN di dwuma no bɛtumi asende na w’anya text messages, audio,video, mfoni ne files wɔ ayoba app no mu aberɛ aa ɔmbɔ ka biara wɔ data ho.

*ɛwɔ dokomi mmerɛ mu no

Ɛka sɛn na wobɛbɔ sɛ wode ayoba reyɛ voice calls aa?

Wobɛtumi ayɛ voice calls afiri ayoba so akɔ wo ayoba contacte biara hɔ. Yɛbɛbɔ wo ka wᴐ saa call yi ho tesɛ standard voice call na yƐ de wo data na ɛdi dwuma anaa wo mmerɛ aa aka wᴐ wo afideƐ no so . Nea ɛdi mu ne sɛɛ, woreyɛ call wɔ app no so aa ɛmfa data na ɛdi dwuma na ɛsaa nso nnyɛ kwa.

ɛboɔ aa ɛwɔ hɔ ma wɔn aa wɔ mfa ayoba ndi dwuma.
Mehia sɛ menya ayoba app ansa na m’atumi asende na manya messages afiri me nnamfonom ne m’abusuafoɔ aa wɔn de ayoba di dwuma no hɔ anaa?

Ayoba tumi de dwuma yie wɔ aberɛ aa wone obi aa wɔno nso wɔ ayoba wɔ ne fon so redi nketaho. Yaka no saa no, yatu anamɔn soronko senea ɛbɛyɛ aa obi biara bɛnya saa akwanya yi, na ɛntesɛ messaging app aa aka no, wobɛtumi ne obiara achate sɛ wɔwɔ ayoba app no bi oo anaa wɔnni bi oo.

Messages aa w’asende afa ayoba so akɔ wo contacts aa wɔnni ayoba app no bi hɔ no, bɛkɔ wɔ contacte(s) nkyɛn tesɛ SMS text messages, na link aa wɔtumi di hwɛ mfoni ne files wɔ wɔn browser mu nso ka ho.

Wɔ aman beberee so no, yɛne MTN kɛsɛ toɔ no kyerɛsɛ sɛ wo contacte no de MTN na ɛdi dwuma aa, wɔn bɛtumi de SMS, Ɛyi wo messages ano na wo nso bɛnya nyiano no wɔ aberɛ aa ɔhaw biara nni ho wɔ wo ayoba app no so. Yɛne MTN kɛsɛ toɔ no nso kyerɛsɛ saa SMS nyiano yi nyinaa bɛyɛ kwa sɛ wo sende aa (ɛwɔ aman bi nom so).

Afei nso, sɛ wo contact no mfa MTN ndi dwuma aa, wɔn bƐtumi enya wo messages a ɛfiri ayoba so ɛwɔ SMS text, nanso wɔn ntumi nyi message aa w’anya no ano. Yɛbɛ yi wɔn asotire wo saa akwansideɛ yi ho. Anoyie papa aa ɛwɔ hɔ dɔɔn yi mu ni sɛ wo contacte no bɛtwe ayoba app no.

Deɛn na mɛhwere sɛ menni ayoba App wɔ m’afedie so aa?

Sɛ wode MTN di dwuma na sɛ wonni ayoba app no wɔ wo fon so aa, wobɛtumi akɔso Ɛyi SMS text message aa w’anya afiri onipa aa wode ayoba di dwuma no ano, na wo SMS nyiano no nso wore ntua hwee.

Sɛ wo mfa MTN ndi dwuma aa wobɛnya ayoba messages ɛwɔ SMS text deɛ nanso wontumi nnyi ano. Nya ayoba mu mfasoɔ nyinaa wɔ aberɛ aa wore twe app no afiri Play Store anaa ɛwɔ ayoba.me/download.

Yɛ ma Zero-rated data wɔ dokomi mmerɛ yi mu na fair usage nhyehyeɛ kakraa wᴐ ho.

Sɛ wode MTN di dwuma aa wobɛtumi atwe ayoba kwa, seesei ara wɔ ayoba.me/download. Anaa wobɛtumi akɔ Google Play Store

Ahobammɔ

Ahotor wɔ ayoba ho sɛ wode redi dwuma anaa?

Ansana wobɛbɔ wo data ho ban na w’asane ama wo kokoam mu asɛm akɔso tɔɔten no, ayoba de end-to-end encryption aa ɛyɛ kuntann na ashɛ mu. Wei bɛma wo ne onipa (anaa amanfoɔ) aa wone wɔn redi nketaho no nkoaa na atumi akenkan nea w’asende no. Obi biara ntumi nkenkan wo messages no, mpo ɛkuo aa ɛwɔ ayoba no ntumi nhu.

ɛkɔso hye mu kina sɛ yɛne obi foforɔ nkyɛ wo details aberɛ aa wo maa yɛn ho kwan. Wobɛtumi ayɛ wo Privacy settings wɔ ayoba app no mu wɔ aberɛ aa wore yi Messaging afiri Settings menu hɔ, na w’amia Privacy. Yɛ sane nso susu sɛ wobɛyɛ mpɛnsɛnpɛnsɛnmu wɔ yɛn Privacy policy no ho wɔ ayoba.me/termsandconditions.

Fons aa ayera ne nea y’awia.
Me fon no yeraeɛ anaa wɔ wiaeɛ, deɛn na ɛsɛsɛ meyƐ seesei ara?

Sɛ wo fon no ayera anaa y’awia aa, yɛbɛtumi aboa wo ama wonsa atumi aka wo ayoba account afiri nea ɔnni akwanya sɛ wode di dwuma no nkyɛn. Mepawokyɛw di nhyehyeɛ aa ɛdidisoɔ yi so.
Yɛ sane nso susu sɛɛ wobɛfrɛ wo mobile provider no ntɛm pa ara senea ɛbɛyɛ na wa locke wo SIM no na asi obi foforɔ ho kwan sɛ wode wo fon no bɛdi dwuma. Aberɛ aa wo SIM no alocke no, wontumi mfa saa number no ɛnverify wo ayoba account no, ɛfirisɛ ɛsɛsɛ wonya SMS ansana w’atumi awie verification no.

Akwannya mmienu na Ɛwᴐ ho:

Fa SIM card foforↄ ne wo number dada noa activate ayoba wᴐ fon foforↄ so.Wei yɛ ɔhare kwan so aa wobɛtumi de atwa w’account aa ɛwɔ wo fon aa y’awia no so no mu. wobɛtumi a activate ayoba wɔ fon baako so ne number baako pƐ so abrƐ biaa.
To yɛn nkra wɔ ayoba.me/help and na fill feedback form aberɛ aa wode saa nsem yi di kan “Lost/Stolen phone” in the heading. “Please deactivate my account” na fa wo fon number aa w’asheshɛ no wɔ international format kwan so nyinaa shɛ mu senea y’akyerɛ no wo ha sei no.

Shɛ no nso:

ɛhu hia sɛ wobɛ kai sɛ mpo sɛ wo SIM card no a locke aa, sɛ obi bɛtumi anya akwanya akɔ wo fon ne ayoba app no mu aa, ɛbɛ kɔso atumi de Wi-Fi ade dwuma. Ayoba ɛkuo no nni ho akwanya sɛ wɔbɛtwa ayoba mu afiri akyirikyiri. Enti yɛ susu sɛ wo bɛto yɛn nkra de asusu sɛ yɛntwa w’account no mu anim-anim yi ara.

Shɛ no nso sɛ ayoba ɛkuo no nni ho akwanya sɛ wobɛnya wo beaeɛ na afei nso yɛntumi mmoa wo mma wo nhunu wo fon no. Wo fon no bɛtumi awɔ app bi aa ɛbɛboa wo ama w’atumi ayɔ wei afiri fon foforɔ so.

Sɛ woyɛɛ chat backup ansa na wo fon no ɛyera aa, wobɛtumi arestore wo chat abakwasem no.

Backups no aa ankasa kɔso wɔ dunhwere 24 biara, aberɛ aa ɛde internet konnection na ɛdi dwuma.
Users ntumi mma kwan anaa ntwa backup dwumadie no mu.
Users, bɛtumi ayɛ backup foforɔ wɔ aberɛ korɔ aa wore mia: “Menu” > “Settings” > “Maintenance” > “Chat Backup”.
Account biara wɔ backup baako, sɛ woyɛ Chat Backup foforɔ aa, ɛbɛba abɛ shɛ wo backup dada no anan mu.
Yɛ restore Backups wɔ aberɛ korɔ aa sign in/up dwumadie no awie no! ɛdi OTP validation no akyɛ pɛɛ.

W’ahobammɔ

Mɛtumi abɔ ammaneɛ wɔ nneɛma aa ɛnsɛ mfata ho anaa?

Yɛbɛpɛsɛ aberɛ biara yɛbɛ bɔ wo ho ban, mepawokyɛw bɔ yɛn ammaneɛ wɔ nneɛma ne nneyɛɛ aa ɛnsɛ mfata wɔ ayoba.me/contact, na yi “Report inappropriate content” option no. Yɛbɛ hwehwɛ mu na ya tu ho anamon sɛ ɛsɛsɛ yɛ yɔ saa ara.

Shɛ no nso sɛ ebia na yantumi ne wo ankyɛ yɛn nhwehwɛ mu no ho nsusuansoɔ deɛ, nanso nya awereɛshɛm sɛ yɛmfa ammaneɛ aa ɛtete saa nni agorɔ.

Mɛtumi aregister me complaint atia obi foforɔ anaa?

Wɔn aa wo ne yɛn di dwuma no ho banbɔ yɛ yɛn akoma so adeɛ na yɛngye nneyɛɛ basabasa aa ɛfiri wɔn aa yɛ ne wɔn di dwuma no hɔ no ntom. Mepawokyɛw kɔ ayoba.me/contact, na yi “Report inappropriate content” option no. Yɛbɛ hwehwɛ mu na ya tu ho anamom sɛ ɛsɛ sɛ yɛ yɔ saa ara.

Shɛ no nso sɛ ebia na yantumi ne wo ankyɛ yɛn nhwehwɛ mu no ho nsusuansoɔ deɛ, nanso nya awereɛshɛm sɛ yɛmfa ammaneɛ aa ɛtete saa nni agorɔ.

Di Nkɔmmɔ wɔ ayoba so

Mɛtumi de ayoba akyɛ me contacte nom contacts details anaa?

Aane wobɛtumi! Fa + (new chat icon) no shɛ nkɔmmɔ foforɔ ase, na mia attachment icon no so, afei wobɛtumi ayi Contact, na afei ɔmerɛ kwanso w’amia contacte noa wopɛsɛ wo kyɛ no so.

Mɛtumi de ayoba asende mfoni anaa?

Kyɛ wo selfies ne mfoni pii aa w’ani gye ho ɔmerɛ kwanso wɔ ayoba so. Fa + (new chat icon) no shɛ nkɔmmɔ foforɔ ase, na mia attachment icon, na sane nso yi Gallery fa yi mfoni firi wo korabea . Wobɛtumi nso amia Camera no so de atwa mfoni na w’akyɛ no wɔ amonom hɔ ara.

Mɛtumi de ayoba akyɛ me beaeɛ anaa?

Wo ne wo contacts nkyɛ wo beaeɛ wɔ aberɛ aa wore mia + (new chat icon) de ashɛ chat foforɔ ase, na afei mia attachment icon na yi Location.

Mɛtumi asende voice message afa ayoba so?

Wobɛtumi asende voice message tiatia akɔ obi aa wɔde ayoba di dwuma no hɔ wɔ berƐ aa wo mia Akasamu icon no so aa ɛwɔ wo nsa nifa fom wɔ wo chat screen no so. Wobɛtumi nso de + (new chat icon) ayɛ chat message foforɔ na mia attachment icon no so na yi Audio, na sane nso mia Akasamu icon no so fa record wo message.

Mɛhia sɛ me sende file anaa document, mɛtumi de ayoba Ɛdi saa dwuma no?

Sende files wɔ aberɛ aa wore mia + (new chat icon) fa shɛ chat foforɔ ase, na sane nso mia attachment icon no na yi File. Afei hwehwɛ w’afedie no so, yi file no na ne wo contacts nkyɛ.

Mɛsi den na m’Ɛyi messages ano?

Mia message no aa wopɛsɛ wo hwɛ no so. SƐ woyi ano aa, mia compose bar no aa ɛwɔ screen no fom hɔ no mu na type wo nyiano no na mia send. ɛyɛ kooko koraa.

Mɛtumi akyɛ anaa ma forwarde messages akɔ me ayoba contacts hɔ?

Wobɛtumi a forwarde messages, audio files, images ne contacts wɔ aberɛ aa wore mia na w’asɔ message aa wopɛsɛ wo forwarde no so, na mia forward now arrow no so wɔ wonsa nifa soro tokuro mu hɔ wɔ wo screen no so, na sane nso yi contact no aa wopɛsɛ wone no kyɛ message no na mia send. Yɛbɛ marke content no sɛ “Forwarded”. Wobɛ sane nso anya nkaebɔ aa ɛkyerɛ sɛɛ wo message no a forwarde.

Mɛsi deɛn na m’apopa message aa ayɛ dada ne nea me mpɛ no?

DeƐ Ɛhia ne sƐ wobƐ mia na sɔ message no mu wɔ chat screen no so, na yi bɔɔla icon no wɔ screen no soro hɔ na ne korakora no gye nea wayi no tom.

Mɛtumi ayi me chats akɔ archive list so anaa?

Daabi, ayoba nni ɛkwan biara wobɛtumi afa so de ayi wo chats akɔ archive list so (mprempren yi). Sɛ wopɛsɛ woyi chat bi firi wo chat list so aa, wobɛtumi ayɔ saa wɔ aberɛ aa wore popa saa chat no, ɛmmom no wei yɛ afebɔɔ mpopae na wonsa ntumi nka no bio akyiri yi.

Mɛtumi ahyehyɛ me chats nom wɔ akwan hodoɔ so anaa?

Wo chats no,yƐ hyehyƐ no sƐƐ nkↄmmↄ aa wodii no amonom ho yaa na dabiaa endi kan, saa nkↄmmᴐ no na dabiaa Ɛda list no soro paa.Wontumi nsesa saa nhyehyeɛ yi wɔ ayoba so (mprempren yi).

Mɛsi deɛn na ma popa chats?

Wɔ ayoba screen no ankasa so no, mia na sɔ chat korɔ aa wopɛssɛ wopopa no mu, na afei yi bɔɔla icon no wɔ screen no soro hɔ, na gye tom sƐ wopƐ sƐ wo popa nea wayi no.

Mɛsi deɛn na mate ɛkuo chat na mato nso afrɛ me contacts?

Mia new chat button + na yi NEW GROUP option no,na afei fa contacts aa wopɛsɛ wode ka wo group chat no ho no ka ho. Afei nea ɛsɛsɛ woyɛ aa nesɛ wobɛ shɛ nkɔmmɔ ase.

ɛbia na mepɛsɛ mefiri ɛkuo chat bi mu aa?

Wobɛtumi Ɛfiri ɛkuo chat biara mu wɔ aberɛ biara mu, deƐ Ɛhiaa ne sƐ wo mia ɛkuo no chat icon aa ɛwɔ wo chat screen no soro hɔ no na woasane nso Ɛyi LEAVE GROUP button no, na afei w’agye nea w’ayi no tom.

ɛbia na mepɛsɛ me popa ɛkuo no chat?

Wopɛsɛ wo popa ɛkuo chat aa Ɛnoaa ne sƐ wo bƐ mia na w’asɔ ɛkuo no chat no mu ɛwɔ screen no ankasa so, na yi bɔɔla icon no na gye nea wayi no tom. Wobɛtumi nso Ɛyi woho Ɛfiri ɛkuo no mu aberɛ biara.

Sɛ wopopa ɛkuo chat aa, wobɛ popa ɛkuo no messages pɛ aa Ɛwᴐ w’afedie no so, na ɛmpopa chats aa ɛyɛ amanfoɔ aa wɔwɔ ɛkuo no mu dea no.

Deɛn ne ɛkuo Wura asɛdeɛ?

ɛkuo wura no bɛtumi ate ɛkuo, de amanfoɔ aka ho na w’ayi amanfoɔ nso Ɛfiri mu

Mɛtumi de obi foforɔ ayɛ ɛkuo Wura anaa?

Tumii ntumi nkɔ di obi foforɔ nkyɛn

Yɛbɛtumi Ɛnya ɛkuo Wuranom ama no aboro baako anaa?

Wontumi nnya awuranom pii ma no nyɛ yie.

Yɛde m’aka ɛkuo bi ho , mɛtumi ahunu chat aa atwam no?

Sɛ yɛde w’aka ɛkuo bi ho aa, wonhunu messages biara aa atwam ne chat aa ɛwɔ ho dada no ansane wore bɛka ho

ɛbia na mehia sɛ me restore me chat no ho abakɔsɛm aa?

Backups no aa ankasa kɔso wɔ dunhwere 24 biara, sɛ wo wɔ internet konnection nkoaa dea. Wontumi ntwa anaa wonsi automatic backup dwumadie no kwan.

Wobɛtumi de nshɛ kwanso ayɛ backup foforɔ wo aberɛ aa wore mia Menu bar no, yi Settings, na afei yi Maintenance na wasane nso ayi Chat Backup. Wei nam ahobammɔ kwanso bɛ backup wo chats akɔ cloud, na ama wo akwanya ama w’atumi arestore wo chat no ho abakɔsɛm sɛ ɛhia sɛ woyɔ saa.

Restore wo Chat Backup wɔ aberɛ aa wore mia menu button no so, na yi Settings, na sane nso mia Maintenance so na yi Chat Backup, na fa restore.

Shɛ no nso sɛ wo backups no enstore wɔ w’afedie no ankasa so, na saa nti no wobɛhia akwanya de akɔ internet so de akɔyɔ backup no.

Mɛtumi ama kwan sɛ files aa yɛde asende me no ɛnda Auto Download anaa?

Auto Download su no yɛ OFF dada. Sɛ wopɛsɛ woma mfonii ne videos aa w’anya no wɔ ayoba so twe automatically aa, Wobɛtumi ama Auto Download no ada ON. Wobɛtumi ama Auto Download su no kwan wo aberɛ aa wore yi main menu, na w’amia Media so na wode asiesie wo auto download no senea wopɛ. Yɛ susu sɛ wobɛma wei adum sɛ wo data no sua aa.

Wo ne wɔn aa wɔnfa ayoba ndi dwuma redi nkɔmmɔ Mɛtumi ne amanfoɔ aa wɔnni ayoba app no bi adi nkɔmmɔ?

Wobɛtumi asende messages afa ayoba so ama obi biara, mpo sɛ wɔnni app no bi wɔ wɔn afedie so aa. Messages aa y’asende ama amanfoɔ aa wɔnya ntwee anaa ɛnregister wɔ ayoba so no bɛkɔ tesɛ SMS text messages na link aa wobɛtumi de ahwɛ files afoforɔ ne nea ɛwɔ mu, sƐ biibi saa ka ho aa.

Wobɛtumi asende messages afa ayoba so ama obi biara, mpo sɛ wɔnni app no bi wɔ wɔn afedie so aa. Messages aa y’asende ama amanfoɔ aa wɔnya ntwee anaa ɛnregister wɔ ayoba so no bɛkɔ tesɛ SMS text messages na link aa wobɛtumi de ahwɛ files afoforɔ ne nea ɛwɔ mu, sƐ biibi saa ka ho aa.Yɛne MTN ato kɛsɛ, wei kyerɛ sɛ wɔn aa wɔne MTN di dwuma no bɛtumi de SMS ayi ayoba SMS messages ano, wᴐ aberɛ aa wɔn ntua hwee (ɛwɔ aman bi nom so), mpo sɛ wɔnya installe ayoba app no wɔ wɔn afedie so aa. Wɔn aa wɔne MTN ndi dwuma no bɛnya messages afiri ayoba hɔ tesɛ SMS text messages dea, nanso wontumi nnyi ano. Yɛ susu sɛ wɔn aa wɔnfa MTN ndi dwuma no bɛtwe ayoba app aa ɛka biara nni mu no afiri ayoba.me/download or the Google Play Store

Mɛtumi de contacts aka ho, mpo sɛ wɔnfa ayoba ndi dwuma aa?

Sɛ wore yɛ chat foforɔ aa, mia menu no aa ɛwɔ wonsa-benkum soro mu hɔ no so. Na ma Show SMS contacts no akwanya. Afei wobɛtumi ahwɛ wo contacts nyinaa, mpo wɔn aa wɔnfa ayoba App no nni dwuma.

Sɛ saa contacts yi nom bi twe ayoba app no na wɔde wɔn fon number aa y’a list wɔ wo contacts app no mu register aa, ayoba app no aa ankasa bɛshɛ wɔn tebea mu kina ama no ada adi senea ɛbɛyɛ na w’atumi adi nketaho yie tesɛ nea wɔde ayoba de dwuma.

Mɛtumi asende mfoni ne files akɔ contacts aa wɔnnya ntwee ayoba app no hɔ anaa?

Wobɛtumi asende mfoni, videos, ne links akɔ contacts aa wɔnnya ntwee ayoba app no hɔ. Saa contacts wei nom bɛnya SMS nkaebɔ aa link ka ho aa ɛbɛ ma wɔn akwanya ama w’akɔ hwɛ nea ɛwɔ mu. Shɛ no nso sɛ worehwe ne/anaa woretwe nea ɛwɔ mu no de data ho ka bɛba afiri wo network provider no hɔ.

MƐ nya ayoba message, nanso me nni app no bi. Mɛtumi akɔso aa ahwɛ message no?

Wobɛtumi ahwɛ text message ne files aa onipa aa wɔde ayoba de dwuma asende afa ayoba so aberɛ wo no, mpo sɛ wonya ntwee ayoba app aa ɛka biara nni mu no bi aa. Yɛne MTN ato kɛsɛ , wei kyerɛ sɛ wɔn aa wɔne MTN di dwuma bɛtumi ayi ayoba SMS ano aberɛ aa wɔde SMS na reyɛ saa, aa ɛka biara nni mu (wɔ aman bi nom so), mpo sɛ wɔnya installe ayoba app no wɔ wɔn afedie so aa. Wɔn aa wɔnfa MTN ndi dwuma no nso bɛnya messages afiri ayoba so sɛ SMS, nanso wɔn ntumi nnyi ano. YɛbƐhyƐ wɔn aa wɔnfa MTN ndi dwuma no nkuran sƐ wᴐn bɛtwe ayoba aa ɛka biara nni mu no afiri ayoba.me/download or the Google Play Store

woreyƐ wo contacts ho ntotoeƐ

Mɛsi deɛn na mede contact aka ho?

ƐyƐ simple, fa saa contact number ka wo fon contacts no ho. Mmerɛ aa wa create contact foforɔ no wobɛtumi abue ayoba app no, mia new message icon + no na yi contact aa wopɛsɛ wone no di nkɔmmɔ.

Ayoba app no aa ankasa bɛhunu sɛ saa contact no atwe na w’asane aregister ne fon number wɔ ayoba so dada. Sɛ ɛnte saa, wɔn bepue tesɛ SMS contacts wɔ ayoba so.

Mɛsi deɛn na m’apopa contacts?

Wobɛtumi apopa contacts senea woyɛ no daadaa no aa, ɛwɔ wo fon no contact application no so. Bue wo fon contact list no, mia contact no din so na afei mia menu no aa ɛwɔ wonsa nifa soro tokurom hɔ no. Yi delete, na gye nea w’ayi no tom.

Mɛsi deɛn na m’asi contacte bi kwan?

Wobɛtumi asi contact bi kwan wɔ ayoba so ɔmerɛ kwanso wɔ aberɛ aa wore yi chat na w’amia menu icon no aa ɛwɔ wonsa nifa soro tokurom hɔ no. Yi Block, na afei gye nea wayɛ no tom. Mmerɛ aa w’asi contact bi kwan no, wontumi nnya messages anaa ade biara mfiri saa onipa nehɔ na ɔno nso ntumi nhunu wo tebeaWobɛtumi akɔso ahunu contact no wɔ wo contact list no mu deɛ, nanso yɛbɛ marke no sɛ “”Blocked””. Se wopɛsɛ wo sende anaa wonya messages firi nea y’asi no kwan no hɔ aa ɛsɛsɛ wo ma contact no kwan ansa.

Yɛpɛsɛ yɛbɔ woho ban aberɛ nyinaa, nti mepawokyɛw bɔ yɛn ammaneɛ wɔ nneɛma anaasɛ Ɛsu bia ɛnsɛ ɛmfata ho wɔ yoba.me/contact, anaasɛ kɔ yɛn here

Mɛsi deɛn na mama contact aa mesii no kwan no kwan? Wobɛtumi ama contact aa wosii no kwan no kwan wo aberɛ aa wode + icon no Ɛyɛ chat foforɔ, yi contact no, fa menu no aa ɛwɔ wonsa nifa soro tokurom hɔ no na mia Unblock, na afei gye nea wayɛ tom. Afei wobɛtumi nso asane ne saa contact yi adi nkɔmmɔ bio, saa contact yi nso bɛtumi asende wo messages foforɔ na w’ayi wo messages ano na w’asane ahunu wo tebea.

Mɛsi deɛn na m’ayɛ voice call wɔ ayoba so?

Wobɛtumi ayɛ voice calls afiri ayoba app no so akɔ wo ayoba contact biara hɔ. ɔfrɛ no ho nkontabuo no bɛyɛ tesɛ standard voice call na ɛde wo airtime aka no na ɛdi dwuma anaa sima aa aka wɔ so. Nea ɛhia nesɛ, worefrɛ obi wɔ wo app no mu aa mfa data na ɛyɛ na afei nso ɛnyɛ free. Sɛ wopɛsɛ wode ayoba frɛ obi aa, mia + (new chat icon) na afei mia fon icon no so fa yɛ voice call no.